2018 Ghanaian Language & Culture – (Asante Twi) Past Questions – Paper One
1. Berɛ a me sewaa woeɛ no, n’awofoɔ kɔmaa no
A. Yaakɔ
B. Dammirifua
C. Afirim
D. Due
C. Afirim
2. Nnipa a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛsɛ sɛ yɛma no akwaaba
A. Obi a ɔretu kwan
B. Obi a waware foforo
C. Obi a ɔfiri akwantuom aba
D. Obi a yɛakye no sɛ ɔrewia adeɛ
C. Obi a ɔfiri akwantuom aba
3. Deɛ ɛdidi soɔ yi nyinaa yɛ nokorɛ wɔ Akanfoɔ nkyea ho, gye sɛ
A. Sɛ obi rekɔgya ne nan a, ɔnkyea
B. Sɛ obi redidi a, yɛnkyea no
C. Yɛkyea firi nifa so
D. Yɛmfa yɛn nsa bɛnkum nkyea
B. Sɛ obi redidi a, yɛnkyea no
4. Berɛ bɛn na Akanfoɔ ma obi due-ne-onwunu?
A. Anwummerɛ
B. Anɔpa
C. Prɛmotobrɛ
D. Awia
A. Anwummerɛ
5. Edin a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɔkanni ba biara di kan nya
A. Aborɔfo din
B. Kradin
C. Adakam dim
D. Abusua din
B. Kradin
6. Akanfoɔ abadintoɔ mu no, nsuo ne nsa a wɔde sosɔ abofra no tɛkyerɛma so no gyina hɔ ma
A. Aniɛden
B. Akokoɔduro
C. Anoteɛ
D. Nokorɛdie
C. Anoteɛ
7. Akanfoɔ tumi bɔ Kofi mmrane sɛ
A. Ogyam
B. Bodua
C. Atoapoma
D. Tuo/ kyini
D. Tuo/ kyini
8. Sɛ ɔbaa bi wo ntaa na sɛ ɛyɛ ɔbaa ne barima a yɛka sɛ wawo
A. Ahuhuro ne Awɔ
B. Takyi ne Kuro
C. Ahum ne Aham
D. Sika ne Amaneɛ
B. Takyi ne Kuro
9. Agya Abankwa ne ne yere mma mmienu a, ɛdi kan yɛ mmarima. Deɛ ɔtɔ so mmienu yɛ ɔbaa a, wɔbɛfrɛ no sɛn?
A. Kontɔ
B. Mɛnsa
C. Adantam
D. Ahuhuro
A. Kontɔ
10. Ɔbaa bi ware a ne deɛn ne ne kunu nuabaa?
A. Ne sewaa ba
B. Ne kora
C. N’akumaa
D. N’ase
C. N’akumaa
11. Nnipa yi mu hwan na Akanman mu ɔyɛ ɔbarima bi wɔfase?
A. Ne nuabaa ba
B. Ne nana ba
C. Ne nuabarima ba
D. Ne wɔfa ba
A. Ne nuabaa ba
12. Yei na ɛdi adanseɛ sɛ ɔbarima bi aware ɔbaa bi wɔ Akanman mu
A. Kawa
B. Tiri nsa
C. Ayeforɔ
D. Danta
B. Tiri nsa
13. Akanfoɔ frɛ aduane edi kan a ɔbaa a wɔayɛ ne ho adeɛ foforɔ yɛ de kɔma ne kunu no nen ne nkurɔfoɔ sɛ
A. Aduanekan
B. Aduanewoɔ
C. Aduanekɛseɛ
D. Aduanepa
C. Aduanekɛseɛ
14. Sɛ wɔgu ɔbaa bi hyire a, na ɛkyerɛ sɛ
A. N’awareɛ no asɔ twann
B. N’awareɛ no adi nkunim
C. N’awareɛ no atu mpɔn
D. N’awareɛ no agu koraa
D. N’awareɛ no agu koraa
15. Akanfoɔ bragorɔ mu, sɛ wohunu sɛ dua tua ɔbrani no ano a, ɛkyerɛ sɛ
A. Ɔyɛ agyanka
B. Ne maame wuiɛ nkyɛreeɛ
C. Ɛkɔm de no
D. Obi asi no asiwa
D. Obi asi no asiwa
16. Deɛ ɛdidi soɔ yi nyinaa yɛ Akanfoɔ akyiwadeɛ gye sɛ
A. Woredidi na worenom nsuo
B. Wode wo nsa benkum si fam berɛ a woredidi
C. Wo ne wo papa redidi na wodi kan sɔre
D. Woredidi na woreto dwom
A. Woredidi na worenom nsuo
17. Sɛ obi ka ntam wɔ Akanman mu a, hwan na ɔkye ne dedua?
A. Ɔkyeame
B. Ɔhene
C. Ahenkwaa
D. Dabehene
B. Ɔhene
18. Akanfoɔ ayiyɛ mu no, sɛ mmaa su kɔ tia ba tia ansa na wɔahyɛ ayie no ase a, yɛka sɛ wɔreto
A. Ayikan
B. Ayinan
C. Sudwere
D. Sukan
B. Ayinan
19. Akanfoɔ frɛ nkra a obi a ɔrewu ne n’abusuafoɔ di no sɛ
A. Nsamankɔm
B. Nsamankra
C. Nsamanseɛ
D. Nsamantoa
B. Nsamankra
20. Sɛ obi wu na sɛ yɛka sɛ ɛyɛ sodoɔ a, na yɛrepɛ akyerɛ sɛ
A. Owufoɔ no anwo ba
B. Owufoɔ no wuu atɔfowuo
C. Owufoɔno anyare anna hɔ ankyɛ
D. Owufoɔ no na ɔdi kan a wawu ne maame mma mu
D. Owufoɔ no na ɔdi kan a wawu ne maame mma mu
21. Akanfoɔ amammerɛmu no, sɛ ɔbarima bi wu gya ne yere akyire a, ɛdi nna sɛn na ɔbaa no tumi ware foforɔ?
A. Abosome nkron
B. Afe
C. Abosome nsia
D. Abosome mmiɛnsa
B. Afe
22. Sɛ wɔde obi di hene a, edin bɛn na Akanfoɔ de to abɔfra ɔbɛdi kan awo no?
A. Kantinka
B. Ahenkan
C. Bɛkoe
D. Piesie
B. Ahenkan
23. Nnipa a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na wɔfrɛ no “ɔhene yere”?
A. Ɛsɛn
B. Kontihene
C. Dabehene
D. Ɔkyeame
A. Ɛsɛn
24. Sɛ ɔhene yɛ deɛ ɛdidi soɔ yi mu baako a, wɔtumi gyina so tu no.
A. Sɛ ɔdidi wɔ abɔnten
B. Ɔbɛhyɛ atadeɛ apue
C. Sɛ ɔbɛbɔ tikwa
D. Sɛ ɔbɛdi nkɔmmɔ wɔ abɔnten
A. Sɛ ɔdidi wɔ abɔnten
25. Wɔdi Apoɔ afahyɛ wɔ mantam bɛn mu?
A. Apueeɛ mantam
B. Asante mantam
C. Bono Ahafo mantam
D. Atɔeɛ mantam
C. Bono Ahafo mantam
26. Edin foforɔ a Akanfoɔ de frɛ Akwasidɛɛ ne
A. Kurukwasie
B. Nkyekwasie
C. Kwakwasie
D. Monokwasie
A. Kurukwasie
27. Akanfoɔ frɛ beaeɛ a okuani bɔ ne kookoo, bese na ɔburu sɛ
A. Kookooase
B. Ahyiaeɛm
C. Ahyehyɛeɛ
D. Abɔeɛ
D. Abɔeɛ
28. Sɛ ɔbɔfoɔ kɔ ahayɔ a, ɛdeɛn na ɔyɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnyera?
A. Ɔbotabota nnuaa ho
B. Ɔgu ahahan
C. Ɔde akaadoo gugu kwan no so
D. Ɔde nso gugu kwan no so
A. Ɔbotabota nnuaa ho
29. Sɛ ɔbɔfoɔ kum ɔbɔpɔn a, ɔdware
A. Ayeraduro
B. Sasaduro
C. Abɔpɔnduro
D. Atuduro
B. Sasaduro
30. Obi a ɔsene nnua de yɛ akuaba, asɛsɛdwa, waduro, ntwene ne ade no, wɔfrɛ no sɛn
A. Duadwonfoɔ
B. Ɔtomfoɔ
C. Sikadwomfoɔ
D. Dadedwomfoɔ
A. Duadwonfoɔ
31. Ɔkanni ka sɛ adaduanan a ɛyɛ nnawɔtwe dodoɔ sɛn?
A. Nsia
B. Num ne fa
C. Num
D. Nsia ne fa
A. Nsia
32. Twifoɔ nnabuo mu no, Ahinime yɛ bosome a ɛtɔ so
A. Nan
B. Nsia
C. Nwɔtwe
D. Du
D. Du
33. Mpanin se, “Aberewa bɛdi twɛdeɛ a na ɛfiri….”
A. Ne se
B. Ne poma
C. N’ano
D. N’anim
C. N’ano
34. Seantie ne ɔnwam
A. Atikɔpɔ
B. Awiawuo
C. Amanenya
D. Awiasu
A. Atikɔpɔ
35. Mmɛ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛkasa tia akwadworɔ?
A. Abɔfra bɔ nwa na ɔmmɔ akyekyedeɛ
B. Wote faako a, wote w’adeɛ so
C. Deɛ odwan pɛ na ɔde ne fufuo bɔ
D. Niwaa mma nsaeɛ a, wɔfase nni adeɛ
B. Wote faako a, wote w’adeɛ so
36. Agya adeɛ bi wɔ hɔ, sɛ wotia n’ayaase a na wasere, sɛ woyi wo nan a, na wamuna. Ɛyɛ deɛbɛn?
A. Ɔkra
B. Dadefidie
C. Aponkyerɛnne
D. Dadepɔnkɔ
B. Dadefidie
37. Agya adeɛ bi wɔ hɔ, onipa mpɛ n’asɛm, nanso sɛ ɔba wo nkyɛn a, wobɔ wo nsam ma no. Ɛyɛ deɛn?
A. Ntontom
B. Ɔwɔ
C. Nantwie
D. Akorɔma
A. Ntontom
38. Deɛ ɛdidi soɔ yi nyina yɛ nokorɛ fa amoma ho, gye sɛ
A. ɛyɛ atetesɛm
B. ɛyɛ abakɔsɛm
C. ɛyɛ bɔsremka
D. ɛyɛ akokɔdurusɛm
C. ɛyɛ bɔsremka
39. Atetesɛm kyerɛ sɛ na saa onipa yi tumi de berɛ tiawa bi we aburopata?
A. Ɔkɔmfo Anɔkye
B. Aseibu Amamfi
C. Didifuro Kwadwo
D. Ɔkɔmfo Tuwoda
B. Aseibu Amamfi
40. Atetesɛm kyerɛ sɛ saa onipa yi tumi de mpaboa foro bɛtene
A. Ansa sasraku
B. Tweneboa Kodua
C. Agyabirinti Mɛnsa
D. Ɔkɔmfo Anɔkye
D. Ɔkɔmfo Anɔkye